Released on August 12, 2021

Thumbnail

Adesoa yi mu eduru adesoa kuntann

Adesoa a me na ne m’agya mpo antumi ansoa

Saa adesoa yi na abɛdan me yi

Nti amirika na mentumi ntu a mɛnante

Nanteɛ na ɛden a mɛwea

Na mɛkɔ akɔsi sɛ mɛduru fie

Ama mekɔn mu adwo me

Me kuromufoɔ eii yiee

Me kuromufoɔ eii yiee

Ɛyɛ mea Kwa Appiah na mekasa yi

Sɛ monim sɛ yɛnsa anka a yɛnnyae yɛn nsam trɛ

Mo ne me yɛ adwene deɛ a yɛn nyinaa mfa wei ntwa yɛn nan ase ɛ

Yie

Wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ

Nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ

Na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ

Wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ

Nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ

Na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ

(Baaba de)

Hyubidum hyubidum hyubidum baaba de

Me nua dɔfo a woretie me

Woadwene ho ahunu sɛ nsuo atɔ abo wo nso wo ho ampa

Ewia abɔ gyregyre ne nyinaa akyire woafa mu nso anhye wo

Asisifo aka wo ahyɛ adi wo so ango wo

Woakɔ hyɛ nkoasom mu adi ayakayakadeɛ

Ne adeɛ wompɛ ne atantandeɛ beberee

Wo nna ne agya nka wo ho wo nko ara woatumi ahwɛ wo ho

Nneɛma wode abɔ wo bo yɛka a wei deɛ ɛnso wo so ɛnso wo so esua

Hmm woadi bi ɛpo asorɔkye nso woafa bi

Ɛfuo mu asaawa yi woate bi ɔbra mu nsɛm a yɛnka yi

Nti na akɔmfo woahyɛ bi nanso ɛno nyinaa akyi

Wo da so a gyina pintinn botan so wo nan tintim

Nti nea ɛtumi wo a ɛteetee wo a na ɛretwe wo fam

Na ɛretwe wo asan

Wobɛtwi afa ne so wobɛko agye wo ho akɔ wo anim

Woasan a ɛsan wo san de abɔ pitri

Wiase nyinaa dan wo mekaekae wo

Ɛnkaa akyire ɛnkyɛ wobɛduru asoɛe

Ɛno nti no tintim wo kahyire

Wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ

Nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ

Na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ

Wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ

Nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ

Na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ

(Wo ara o wo ara)

Ɛnsu na ɔbra deɛ saa

Wo ara biribiara gyina wo ara oo wo ara

Woantintim a ɛka wo ahwe

Mmerɛ biara nni hɔ na woaka sɛ wei deɛ mereka ahwɛ gyae

Mfomsoɔ woayɛ nyinaa nnamfo a woadi akyire na ankɔ yie

Nea wode wo werɛ hyɛɛ mu

Na wogye too mu na akyire yi ayɛ wo sete

Mɛnyɛ wo ho a bronsam

Na babiara nnwoeɛ na baabi a adwo no nso nyɛ dɛ

Kae sɛ obi nyaaeɛ anka nea wo nyaaeɛ anka no ɛsom bo deɛ

Me ne wo a anka mɛhwɛ so afa m’anim kwan

Ahyɛ me ho den mayi m’adwene afiri kwantia so

Mfa me ho nto nto obi deɛ ho koraa

Nyame sɛ ɛnyɛ adeɛ a ɔbɛma wo adesoa ɔnim sɛ wontumi nsoa

Nti wo adesoa mu aduru a na ɛkyerɛ sɛ wo ahoɔden dɔɔso

Nti woabrɛ a home so ɛyɛ toaso ma wo ti so

Mɛnhwɛ wo nan ase a ataetae

Ma wo mu so na fa no mmako mmako na gyae sɛ wogyina faako

Akwaaba kɔ ma nea wakɔ aba

Nti sɛ worepa aba a kae sɛ worennuru a da

Nanso ɛmma saa da wofa no kakrakakra

Nea wo ho bɛso a wobɛdru wo tenabea

Wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ

Nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ

Na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ

Wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ

Nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ

Na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ

Fonwɛ

Ado yoo

La nare ti fo china finfii finfii finfii finfii finfii finfii

La wen ana se’em se’em

Ho wan paa beeseka enare tifu paake

Ho wan paa beeseka enare tifu paake

Dakabela nongre

Nongre dage kalam kalam

Kalam kalam kalam kalam

Ho mise

Yaaba ma wa yaba seum bala awabala apoge

Sabela wo babala teterana

Nanso kaa wo ho ɛ ka kaa wo ho ɛ

Mɛnyɛ no gidigidi na woantɔ

Mɛnyɛ no gidigidi na woantɔ

Mɛnyɛ no gidigidi na woantɔ

Mɛnyɛ no gidigidi na woantɔ

Wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ

Nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ

Na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ

Wo adesoa wontumi ɛnkyɛ wo bɛduru bea wobɛsoɛ

Nea wakɔ aduru na yɛma no nsuo nti no hwɛ wo anim mɛnyɛ mrɛ

Na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ na kɔ no bɔkɔɔ bɔkɔɔ

Na nyinaa mu no agya Onyame na yɛda no aseɛ

Yɛda no ase sɛ wakyɛ yɛn nkwa

Ɔno nko ara na yɛdan no yɛn deɛ yɛn ahoɔden nso

Na mereka mereka yi na mereka akɔsi sɛn mereka akɔsi sɛ

Onyame abɔdeɛ nyinaa ɛfɛ ɔbɔɔ yɛn nyinaa yie sɛ ne mma

Na yɛakɔyɛ Nyame mma yi deɛ na yɛdi adeɛ prɛko pɛ

Ɛno mu na yɛwɔ tumii ne ahoɔden

Moretie

Mmm

Menim sɛ nneɛma beberee adi atia yɛn na adesoa no nso eduru

Nanso no ɛno mu nyinaa no

Monhwɛ ewiase amansan nyinaa ani da yɛn so sɛ

Sɛ wonim deɛ ɛnti a

Obibini e sɛ woahunu ne fɛ

Yɛn nananom abɛdi ewiase so adi dɛ de abakɔsɛm beberee agya ha

Ɛno nti yɛyɛ adehyeɛ mo mmɔ hu na momma mo gyidie nhinhim da

Ɛnkaa akyire na neɛ ɛwɔ yɛn anim na ɛdɔɔso

Ɛno nti yɛnfa kwan no bɔkɔɔ bɔkɔɔ bɔkɔɔ na biribiara bɛkɔ fam

Yɛnsa bɛka yɛn deɛ na nneɛma nyinaa bɛsesa

Afei hwan na n’ani kum

Me deɛ m’ani kum o

Me deɛ m’ani nkum

Obiara ani kum me koraa m’ani kum

Adeɛ asa adeɛ asa monkɔ da

Yiee to wo bo to wo bo monto mo bo

Yoo Nyame mma yɛn ɔkyena nyame mma yɛn ɔkyena

Menso m’ani kum obiara ani kum

Yɛkɔda yɛkɔda

Mabrɛ papa

Me kɔ hyɛ dɛm