Akyire Basaa

By Pure Akan

On Nyame Mma

Released on August 12, 2021

Thumbnail

Ɛkoro ɛkoro ebien ɛsa kɔ ɛ

Mesee mewura efie-fie mu a

Mɛgye akonnwa wɔ dantuo mu

Obiara nni fie

Metwa m’ani a mesee ɛntɔ obiara anim

Aka menko ara mekura kodua no mu

Obiara see adesoa yi mu eduru

Na yɛgye adeɛ a wosee yɛndi mmɔ mu woagye

Nea ɔdi adeɛ no nhwɛ fie ama mmofra ɛwɔ fie ayɛ basaa

Obiara de ne ho ahwe mu kɔpɛ paa adi

De n’ahoɔden boa akyere obi man

Sika a ɛkaa akyire no yɛnhunu so

Yɛakyɛ-akyɛ a ɛnso yɛnso

Nneɛma akɔ di faako yɛreko

Ebi di agya ebi ebi sere na ebi twe

Wei ka bi wei ka bi atwe no twentwan

Mente me ho ase atwe asensɛn

Yɛnkɔ yɛmma yɛretɔn abɔka firi sɛ wokɔɔeɛ akyire basaa

Monhwɛ nipa pa nyinaa awu

Nkrumah awu paapa awu merehwɛ mu sɛ mɛhunu na mɛnya obi na akoma bɛn no ɛwɔ fie

Nnamfofoɔ nyinaa atu apɔ obiara see ɔpɛ ntɛm akɔ

Obiara nni mmerɛ ahoprɛ nko ara

Obiara nni mmerɛ a yɛde yɛ biribi

Sankara mmɛhwɛ n’akyi ɛ Lumumba mmɛhwɛ n’akyi ɛ

Mmranteɛ ne mmabaawa ka sɛ sika nni mu deɛ a

Wɔmmoa ɔman dwuma

Nansoɔ bɛn wɔfa koraa de asase no asi awowa

Ama mmrɔfo nne to mu saa

Papa yɛ asa obiara nyi ne yam nyɛ biribiara

Dɔketa Nkrumah kɔ ooo ma akyire ayɛ basaa

Abrabɔ yi mu akyiri mma yɛbɛyɛ dɛn nie

Dɔketa Nkrumah awu ooo ma no aka me nko ara

Abrabɔ yi mu akyire mma yɛbɛyɛ dɛn nie

Eee akyire basaa ee

Bɛhwɛ akyire basaa ee

Wobɛtumi a bra o

Yɛretwɛn wo ooo yɛretwɛn wo oo

Eee akyire basaa ee

Bɛhwɛ akyire basaa ee

Wobɛtumi a bra o

Yɛretwɛn wo o yɛretwɛn wo

Mpaninfoɔ no redi yɛn hwamɔ na obiara nkasa

Mmabunu ne nyinaa amoa yɛtetɛ ban akyi yɛnpue da

Yɛkyerɛ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛada hwɛ ɛnnora asɛm a esiiɛ obiara anka

Nso ɔkyena anɔpa yɛbɛgyae ne ka

Ma asɛm ehia sɛ ayɛ ka

Twene ani da hɔ a yɛmmɔ nkyɛn

Nea nneɛma ka kɔ yi nyɛ me fɛ

Ne sɛ ɛdaso si nɛyi ɛ nsuo tɔ a ɛdi asɛm nam na ɔman no ayri

Twene ani dahɔ a yɛnbɔ nkyɛn

Neɛ neɛma kakɔ yi nyɛ mefɛ

Ne sɛ ɛdasosi nɛ yi

Gye mofra twa nsuo watwa kwan tintin na wakɔ sukuu

Dɔketa Nkrumah kɔ o ma akyire ayɛ basaa

Abrabɔ yi mu akyire mma yɛbɛyɛ dɛn nie

Dɔketa Nkrumah awu o mano aka me nko ara

Abrabɔ yi mu akyire mma yɛbɛyɛ dɛn ni

Dɔketa Nkrumah kɔ o ma akyire ayɛ basaa

Abrabɔ yi mu akyire mma yɛbɛyɛ dɛn nie

Dɔketa Nkrumah awu o ma no aka me nko ara

Abrabɔ yi mu akyire mma yɛbɛyɛ dɛn ni

Dɔketa Nkrumah kɔ o ma akyire ayɛ basaa

Abrabɔ yi mu akyire mma yɛbɛyɛ dɛn nie

Dɔketa Nkrumah awu o mano aka menkoaa

Abrabɔ yi mu akyire mma yɛbɛyɛ dɛn ni

Dɔketa Nkrumah kɔ o ma akyire ayɛ basaa

Abrabɔ yi mu akyire mma yɛbɛyɛ dɛn nie

Dɔketa Nkrumah awu o ma no aka me nko ara

Abrabɔ yi mu akyire mma yɛbɛyɛ dɛn ni