Agyapadeɛ

By Pure Akan

On Nyame Mma

Released on August 12, 2021

Thumbnail

Uh hyuphyu Uh hyuphyu Uh hyuphyu Uh hyuphyu

Uh hyuphyu Uh hyuphyu Uh hyuphyu Uh hyup

Mewɔ asɛm bi ka nanso m'ano awu uu ye uu ye ei

Asɛm bi ka nanso m’ano awu uu ye uu ye ei

Ɛhe na menhyɛ aseɛ mfa mfiri

Ɛhe na mentoaso mfa nsi

Sɛnneɛ merennyae biribiara nti

Asɛm bi ka nanso m'ano awu uu ye uu ye ei

Asɛm bi ka nanso m'ano awuuuu

Hu

Ɔsee mehwɛ atifi a, menhunu

Ɔsan see mehwɛ anafoɔ a, menhunu

Ɔsee mehwɛ apueɛ a, menhunu

Ɔsan see mehwɛ atɔeɛ a menhunu

Agya kɔɔ no, ɔgyaa me adeɛ bi nanso ɔde hintaa me

Ɔsee wohwɛ soro hwɛ fam

Hwɛ nifa benkum, na woanhwɛ wo mu, ɛno deɛ wonhunu

Wohwɛ soro hwɛ fam ɛhwɛ ntakra mu

Na woanhwɛ wo nsam’ ɛno nso wonhunu

Iiii ɛdeɛn na woafefɛ na woakɔso kurotia kɔso kurotia abisa obiara ahwɛ babiara nso worenhunu yi

Mehwehwɛ m'agyapadeɛ

Iiii wosee wo din de sɛn wo kra din ne dɛn ɛhe na wo agya firi ɛhe na mebisa wo a worenhunu yi

Me hwehwɛ m'agyapadeɛ

Iiii wonim wo kurom hene din wonim wo hene nkonnwa din

Afahyɛ din na mebisa wo a worenhunu yi iii

Wo Kraboa ne dɛn wo yɛ Bretuo anaa Asona

Wodi adeɛ agya adeɛ anaa sɛ ɛna

Woyɛ Asakyiri anaasɛ Agona

Ntɔn bɛn na wobɔ ntɔn bɛn na wobɔ

Wo ani ayɛ wo yayaa yi ntɔn bɛn na wobɔ

Meyi wo mmrane a wonte ntɔn bɛn na wobɔ

Wo kraboa ne deɛn woyɛ Ayokoɔ anaa Aduana

Wo akyiwadeɛ ɛne deɛn saa na manka

Woyɛ Asene anaasɛ Ɛkoɔna

Asɛ woadi agu asɛ woadi agu

Wonnim wo nkyi ne wo mogya ani deɛ ɛnneɛ woadi agu

Wobɛyɛ dɛn anya wo agyapadeɛ eyi deɛ woadi agu

Asɛ woadi agu asɛ woadi agu

Asɛ woadi agu asɛ woadi agu

Wonnim wo nkyi ne wo mogya ani deɛ a ɛnneɛ woadi agu

Wobɛyɛ dɛn adi wo wɔfa adeɛ eyi deɛ woadi agu

Asɛ woadi agu

Asɛ woadi agu

Wo agya na ɛse mense wosɛ

Wagya wo honam mu ahoɔden

Sunsum mu nso woahyɛ wo den

Asase pa ne so agudeɛ

Aduane haha a ɛsa yareɛ

Wayɛ wo asase so aheman mu

Na agya rekɔ no ɔgyaa wo adeɛ

Emu ahodoɔ na ɛso wo so

Ɛsan sɛ n'ani kɔ wo ho wokyɛfa na ɛsom bo

Nanso woahwere wo ahyɛnsodeɛ nti wonnya wo agyapadeɛ